Se HIV/AIDS aye wo

Eye den se wobehunu se wanya HIV/AIDS, anaase wo dofopa bi anya bie. Eyi beye ampa, ne titiriw nese, wo befiri kuro a amamere ne kasa horow ahye mu ma. Se wo ne obi kye wo haw no, a ebema aye mere kakra ama wo, na wadwen nso besi wo yie.

Wo behia mmoa anaa odwumayeni boafo bi:

  • Se obeboa wo ama wate wo ne wonua bi nso apomden ho nsem ase anaa?
  • Se wo ne no bedi nea eha wo ne nea efa woho ho nkomo anaa?
  • Se obeboa wo busuani bi ama wate nea eha wo ase anaa?
  • Se obeboa wo yaresafo (doctor) ama wate wahiasem ase anaa?
  • Se oko gya wo baabi anaa?

Amanfra HIV ene Hepatitis adwuma betumi aboa ama wanya emoa biara wohia. Amanfra HIV ene Hepatitis wo mmarima ne maa adwumayefo a ebi firi Asia, Africa (abibiman mu ), Europe, Middle Eastern ene South America. Saa adwumayefo te ase yie, se yekase obi anya HIV/AIDS, na onim senea one nnipa di nkitaho efa amamere kwan so. Saa adwumafo yi betumi aboa wo, ayi nea ehye wo so no nyinaa, na waboa wo neama biara a ehia wo no mu. Ebere pa mu no wobetumi ne wadwumayeni ahyehye na mo ahyia adi nkitaho biara.

Hwan na obehunu nea eha me?

Ebia na eye wo den se wobebisa odwumayeni bi ofiri wo kurom ote wo kasa, na onim wamaere nso. Ebia na eha wo se nnipa bi a onim wo behunu yare koro a aye wo.

Amanfra HIV ene Hepatitis adwuma fa saa neama a edidi so yi bo wo kokoamu nsem ho ban:

  • Wo pe a emmo wodin ankasa.
  • Yedwumayefo nim hia a ehia se nea wone won besusu ho no, onka nkyere obiara.
  • Yadwumayefo nim se asotwe bi wo ho ma won se oto mmera a apomden adwuma a ewo Australia no mu.
  • Yemfa nsem biara efa wo ho nkoma adwumayefo biara ebere a wo mmaa eho kwan.
  • Yadwumayefo nyinaa ye nwuma ahodow beberee, enonti nnipa nnim won se HIV/AIDS ho adwuma nkoaa na oye. Eyi boa ma wotumi de wo kokoamu sem sie a obiara nte bi.

Ye wo nnipa bi wo yentam a owo adwenfoforo wo won a wanya HIV/AIDS yare no bi. Yen adwumayefo nim saa nsem yi yie, eno nti yatete won efa saa nsem no ho. Kae na hunu se, mpo wompe se nea ofiri wo ara wokurom bete wo nsem a, wo betumi abusa odwumayeni bi a ofiri oman foforo so a onte wo kasa na onnim nea wofiri nso.

Nea wo wo ho kwan

Se wo ye yarefo anaase wo hia moa nti na waba yenkyen no, eye yen asede se yede obuo bema wo na yahwe se wo nsem nyinaa nso yede besie. Se wo hwe na MHAHS odwumayeni bi anhwe wo yie, anase wamfa obuo a ese wo amma wo a, wo wo ho kwan se wo kasa mu. Wo betumi abo MHAHS adwuma panin paa no amane wo ahomatorofo (Telophone) so, anase wo betwere akoma no.

Sika sen na metua?

Eka biara nni ho mma wo. Eho nhia yen se yebewhe wo “ Meducare card” anaa ade foforo biara a ehye wo nso.

Meye den anya obi ne no akasa?

Wo ankasa anaa wo yaresafo (doctor) betumi afere yen wo (02) 9515 1234 (anopa dekosi anwumere). Yen adwumayefo nye adwuma daa nawotwe no mu, nanso yebetumi ahyehye ama obi ahyia wo. Se wo ba na wo pese wo ka wo kurom kasa a, fere kasa nkyerase (Translating and Interpreting Service) ahomatorofo (telephone) so 131 450. Se wofere a bisa nea okyere nsem ase (translator), na se oba ahoma no so a, ma no mfere yen wo (02) 9515 1234 na eno akyi no wo betumi ne yen adi nkomo wo wo akasa wo kasa mu senea wo pe.

Saa krataa yi watintim no wo borofo kasamu ene kasa hodow nyinaa mu, wo benya bi wo yen www.mhahs.org.au

Nsem hia bi

  • Se wo pe se wo nya obi na okyere wo nsem ase wo ahomatorofo (telephone) so a, se wobefere yen a di kan fere 131450 na ka kyere nea one wo bekasa no se, onfere yen nwuma (akuo) a edidi so yi mma wo.
  • HIV Nkaebo ho Nsem: (02) 9332 9700 anaa 1800 451 600
  • ACON: (02) 9206 2000
  • Sydney Nna mu Apomden ho Adwuma:(02) 9382 7440